Psalms 98

Dwom.


1 Monto dwom foforo mma Awurade,
efisɛ wayɛ anwonwade bebree;
ne nsa nifa ne ne basa kronkron no
anya nkwagye ama no.

2 Awurade ama wɔahu ne nkwagye
na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.

3 Wakae nʼadɔe
ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no;
asase ano nyinaa ahu
yɛn Nyankopɔn nkwagye.


4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,
momfa nnwonto nni ahurusi;

5 Momfa sanku nto dwom mma Awurade,
sanku ne nnwonto nnyigyei,

6 momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn,
nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.


7 Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so;
asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.

8 Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam,
mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom;

9 ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim,
efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn.
Ɔde trenee bebu wiase atɛn
na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.
Copyright information for TwiAKNA